Aku Sika

66 downloads 232122 Views 33KB Size Report
1. Aku Sika. Ɔpanyin bi waree ne yere ne no tenaa mfeɛ bebree. Awoɔ ho yɛɛ den maa wɔn, nanso akyire yi Onyame maa wɔn ba baa bi a wɔtoo ne din Aku ...
Aku Sika Ɔpanyin bi waree ne yere ne no tenaa mfeɛ bebree. Awoɔ ho yɛɛ den maa wɔn, nanso akyire yi Onyame maa wɔn ba baa bi a wɔtoo ne din Aku. Aku ahoɔfɛ nti na obiara pɛ n’asɛm. Awerɛhosɛm ne sɛ Aku maame woeɛ no, anni nnaanu anni nnansa na ɔfirii mu. Aku papa asɛm yɛɛ awerɛho, nanso ɔbɛyɛ no dɛn? Ɔde animia hwɛɛ Aku maa akwadaa yi nyini bɛyɛɛ ababaawa hoɔfɛfoɔ wɔ kuro no mu. Aku nyiniiɛ no, awerɛhosɛm a ɛtɔ so mmienu: Da bi anɔpa na Aku papa buee dadefidie bi mu sɛ ɔresɔ ahwɛ na sɛ ɛwɔ ahoɔden a, wakɔsum wɔ n’afuom de ayi nkranteɛ bi a na wɔretwa n’aburoo. Ɔbuee fidie yi mu no, ne werɛ fii sɛ ɔbɛsan aka ato mu. Papa yi wuraa dan mu ara na Aku kɔduruu fidie yi ho. Ɔkotoo sɛ ɔrema so ato baabi foforɔ ara na ne nsa nifa kɔhyɛɛ mu. Fidie yi miaa Aku nsa maa ɔteaa mu. Ne papa duruu hɔ no, na ne ba no nsa nifa so atwa hyɛ fidie no mu. Agya waadwo! Ɛfiri saa berɛ no, Aku de ntoma kataa ne nsa a ɛso atwa no so. Ne papa dii asɛm yi ho yea maa nna kakraa bi akyi no ɔno nso wu gyaa Aku. Aku bɛyɛɛ agyanka a ɔnni boafoɔ biara, nanso sɛ Onyame wɔ w’afa a, biribiara bɛyɛ yie. Da koro bi a Ɔmanhene ani bɔɔ Aku so no, ɔkaa sɛ ɛdane sɛ boɔ ma boɔ dane a, ɔbɛware no. Ɔmanhene hyɛɛ aseɛ totoo nneɛma. Berɛ soo sɛ Aku bɛkɔ awareɛ ase no, Ɔmanhene yere panin no kɔɔ Nana anim kɔbɔɔ Aku kwaadu. Ɔkaa sɛ: “Me Wura, meka Ntam Kɛseɛ sɛ Aku yɛ nsasin. Sɛ wose meboa a, hyɛ da bi ma wo yerenom mmɛsi aburoo wɔ abɔnten so na obiara nhwɛ sɛ Aku bɛtumi de ne nsa mmienu asi a, yɛbɛhu.” Ɔmanhene ho dwirii no, enti ɔhyɛɛ da bi sɛ ne manfoɔ bɛbɔ dwa ama ne yerenom abɛsi aburoo ama obiara ahwɛ. Aku tee asɛm no, ɔyɛɛ n’adwen sɛ ɔbɛkɔ akɔtɔ asuom awu ɛfiri sɛ fɛreɛ ne owuo deɛ, fanyinam wuo. Ɔsiesiee ne ho anɔpa bi nante kɔɔ asubɔnten bi ho. Ɔduruu hɔ no, 1

ɔhuu ɔdɛnkyɛm kakraka bi a wabue n’anom. Ɛhɔ ara na ɔtee nne bi sɛ: “Aku, mmɔ hu koraa. Fa wo nsa a ɛso atwa no hyɛ ɔdɛnkyɛm no anom.” Ɔyɛɛ saa no, ne nsa no bɛtoaa so maa sika futuro twaa ho hyiae. Aku de anigyeɛ san kɔɔ fie. Berɛ soeɛ no, ɔmanfoɔ bɔɔ dwa kɛseɛ bi. Ɔmanhene yere panin no de ne nsa mmienu sii n’aburoo anigyeɛ so. Ankyɛ na Aku nso baeɛ. Ɔde ne nsa benkum sii aburoo no berɛ a na ne nsa nifa hyɛ ntoma mu. Ɔmanfoɔ teateaa mu: “Aku, yi wo nsa firi ntoma no mu na yɛnhwɛ!” Aku paa ntoma no gu hyɛɛ aseɛ sɛ ɔde ne nsa mmienu resi aburoo no. Obiara bɔ gyee Aku so. Afei, Ɔmanhene yere panin na ne ho repopo yi. Waka ntam adi torɔ enti ɛsɛ sɛ ɔde ne ti gyeɛ. Ɛhɔ ara na Ɔhene abrafoɔ doaa no kɔyɔ maa no.

2